Psalms 1

Nkyɛm a edi kan

Nnwom 1–41

Ɔtreneeni ne ɔdebɔneyɛfo

1Nhyira nka onipa a ontie nnebɔneyɛfo afotu, na onni nnebɔneyɛfo nneyɛe akyi, na onni wɔn a wodi fɛw nso akyi.
2Na mmom, ɔde anigye di Awurade mmara so, na odwen ho awia ne anadwo nyinaa.
3Ɔte sɛ nnua a enyin wɔ asuten ho, na ɛsow aba bere a ɛsɛ mu a ne nhaban no nguan.
Odi nkonim wɔ biribiara a ɔyɛ mu.
4Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.
5Onyankopɔn bebu nnebɔneyɛfo fɔ, na wɔatew wɔn afi ne nkurɔfo ho.
6 Awurade kyerɛ atreneefo kwan, na ɔbɔ wɔn ho ban.
Na nnebɔneyɛfo de, wɔrekɔ wɔn sɛe mu.
Copyright information for TwiNAK